Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 5:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpae. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu ana? Ɛsɛ sɛ ɔto ayeyi nnwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Mo mu bi hu amane anaa? Ɔmmɔ mpae. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ɔnto ayeyi nnwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 5:13
34 Iomraidhean Croise  

Monto no dwom, monto no ayeyie dwom, monka n’anwanwadeɛ nyinaa.


Ɔkoto Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ɔhunu n’anim anigyeɛ mu, na ɔdane ɔdasani tenenee ma no,


Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no, monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka.


Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.


M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.


hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom, na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam, na mode honhom a abubuo asu yɔɔ.


Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.


Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne.


Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ.


Na aman no mu biara nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akɔsi daa daa.


Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Na ɔkaa sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me!


Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.


Na afei ɛdeɛn, anuanom? Sɛ mohyia mu a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyie anaasɛ obi wɔ nkyerɛaseɛ. Momma ne nyinaa nyɛ deɛ ɛma nkɔsoɔ.


Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade,


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ.


Na wɔtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ baanan ne mpanimfoɔ no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan nnan a wɔagye wɔn afiri asase soɔ no nko.


Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan