Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 5:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Yiw” a, monka “Yiw.” Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na moamma Onyankopɔn atemmu ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Aane” a, monka “Aane”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na mo amma Onyankopɔn atemmuo ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na me nuanom, nea edi ne nyinaa kan no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa fam anaa ntam biara. Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo daabi nyɛ daabi, na moanhwe atemmu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 5:12
9 Iomraidhean Croise  

Na sɛ ɛkɔm de obi a, ma no nnidi ne fie, na moammɛhyia mu ammɛnya atemmuo. Na deɛ aka no deɛ, meba a mabɛtoto no yie.


Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.


Me nuanom adɔfo, monhunu yei sɛ: Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuo;


Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


Ɔdɔfo, mebɔ mpaeɛ sɛ, adeɛ nyinaa mu, ɛnsi wo yie, na nya ahoɔden sɛdeɛ asi wo kra yie no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan