Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 5:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Me nuanom, monkae adiyifo a wɔde Awurade din kasae no. Momfa wɔn sɛ nhwɛso wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wotumi de tenaa amanehunu mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn sɛ nhwɛsoɔ wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 5:10
19 Iomraidhean Croise  

Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Ɛfiri sɛ ɔtee aseɛ sɛ, asomdwoeɛ ne ɔmannwoeɛ bɛba me berɛ so.


Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.


Na sɛ wɔgyinaa m’agyina mu a, anka wɔmaa me man tiee me nsɛm, na wɔasane wɔn afiri wɔn kwammɔne so ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.


Ɛnna mmapɔmma ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: Ɔbarima yi nsɛ wuo, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.


O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.


Momma mo ani nnye da no, na monni ahurisie! Na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ no.


a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Monkae mo mpanimfoɔ a wɔaka Nyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awieeɛ nsua wɔn gyidie.


Anuanom, monnnidi mo ho nsekuro! Deɛ ɔdi onua ho nsekuro na ɔbu ne nua atɛn no, ɔdi mmara ho nsekuro na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfoɔ, na mmom woyɛ ne temmufoɔ.


Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.


Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.


Anuanom, monngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan