Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 4:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kuro yi mu akɔdi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfasoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kuro yi mu akɔdi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfasoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mo a moka se, “Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, muntie me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mo a moka sɛ, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro bi so akɔdi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, montie me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na afei mo ɛ! Mo a moka se: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kurow yi mu akodi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 4:13
11 Iomraidhean Croise  

Wiɛ, momma yɛnsiane nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio.


Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda no de bɛba.


Mekaa no m’akomam sɛ: Bra na memfa anigyeɛ mensɔ wo nhwɛ; gye w’ani! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhudeɛ.


na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ, ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni, ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni.


Na afei merema moahunu deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛyi ɛho ban, na mmoa adi, mɛbubu ne fasuo, na wɔatiatia so;


Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;


na wɔn a wɔresu nyɛ sɛdeɛ wɔnsu, na wɔn a wɔn ani agyeɛ nyɛ sɛdeɛ wɔn ani nnyeɛ, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛdeɛ wɔnni hwee,


Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan