Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 4:10
19 Iomraidhean Croise  

na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.


Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛno deɛ, ahomasoɔ ntira. Ɛfiri sɛ ɔhobrɛaseni deɛ, ɔbɛma no adi yie.


ɔde ahobrɛasefoɔ tena deɛ ɛkorɔn, na ɔma abooboodifoɔ so kɔ yiedie mu.


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so,


AWURADE ma ahobrɛasefoɔ gyina, ɔto abɔnefoɔ hwe fam.


Na afei ɔbɛma me tiri so, m’atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntomadan mu ayeyie afɔdeɛ, na mato AWURADE sankuo dwom.


Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ, na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.


Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yi abotire no, na tu ahemmotire no; nnoɔma nnkɔ so ara nyɛ saa ara daa. Ma deɛ abrɛ ase so, na brɛ deɛ ama ne ho soɔ no ase.


Na obiara a ɔbɛma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so na wapagya ahiafoɔ.


Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Enti mommrɛ mo ho ase Nyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, berɛ a ɛsɛ mu.


AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yie; ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.


Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan