Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 4:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi firi he? Ɛfiri mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo onipadua di asie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 4:1
24 Iomraidhean Croise  

Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.


Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsodeɛ nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnso aba mma owuo.


Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi;


Na honam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia honam, na nnoɔma mmienu yi nhyia, na ɛsi mo deɛ mopɛ sɛ moyɛ ho kwan.


Enti monkum mo akwaa a ɛwɔ asase soɔ no, adwamammɔ, efideɛyɛ, akɔnnɔ nhyɛsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom.


Na nkwasea akyinnyegyeɛ a wɔmfa nsua hwee no deɛ, gu, ɛfiri sɛ wonim sɛ, ɛde ntɔkwa ba.


Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.


Na nkwasea akyinnyegyeɛ ne anatoɔ ne kunsunkunsum ne mmara ho akasakasa deɛ, twe wo ho firi ho; ɛfiri sɛ ɛnyɛ mma hwee, na ɛyɛ hunu.


Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ, a ɛgyegye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;


Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛ mma, na monnyɛ mo ho sɛdeɛ kane a monnim biribiara no na mo akɔnnɔ teɛ no,


Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Monhunu yei kane sɛ, nna a ɛdi akyire no mu, fɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyire de fɛdie bɛba


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan