Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Saa ara na tɛkrɛma te; sua a esua nyinaa akyi no, etumi hoahoa ne ho. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi si tumi hyew kwae kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 3:5
25 Iomraidhean Croise  

Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so! Na ɛdeɛn nso na Otumfoɔ bɛyɛ wɔn?


Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.


Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara, wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.


Mekaa sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yie, na mamfa me tɛkyerɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka bɛsɔ m’ano, sɛ ɔbɔnefoɔ wɔ m’anim yi.


Ɔtamfoɔ no kaa sɛ: Mɛti wɔn, mɛto wɔn, mɛkyɛ asase no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrantɛ, me nsa bɛsɛe wɔn.


Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ, na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ.


Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.


Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba.


Nnyina sa a, ogya dum, na sɛ asomsɛmkani nni hɔ a, tɔkwa to twa.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ, na wose: Meyɛ onyame, anyamedwa so na meteɛ, ɛpo mfimfini, nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame, na wobu wo ho sɛ onyame.


kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Misraimhene Farao, asuboa kɛseɛ a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’Asubɔnten Nil wɔ me, me ara na meyɛ mefaeɛ.


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?


Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.


Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ.


Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan