Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yɛn nyinaa taa yɛ mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso wɔ nea ɔka mu no yɛ pɛ a obetumi ahyɛ ne nipadua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 3:2
29 Iomraidhean Croise  

Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo, na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,


Sɛ wɔyɛ wo bɔne, (ɛfiri sɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne,) na wofa wɔn ho abufuo na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn kɔ asase bi so a, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,


na wodane wo honhom tia Onyankopɔn na woma nsɛnkeka firi w’anomu?


Kora wo tɛkyerɛma, bɔne ho, ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho.


Mekaa sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yie, na mamfa me tɛkyerɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka bɛsɔ m’ano, sɛ ɔbɔnefoɔ wɔ m’anim yi.


Mfomsoɔ mpa ɔkasa dodoɔ mu, na deɛ ɔsianka n’ano yɛ onimdefoɔ.


Deɛ ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, na deɛ ɔtrɛ n’anomu no nya ɔsɛeɛ.


Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho?


Deɛ ɔkora n’ano ne ne tɛkyerɛma no, ɔkora ne kra firi ahohia mu.


Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ a ani dum fitaa wɔ wɔn honam wedeɛ mu a, ɛyɛ ɛyam a ayerɛ wedeɛ mu; ne ho te.


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Na wo nsɛm so na wɔnam bɛbu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bɛbu wo fɔ.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ.


Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu.


na mmom mehyɛ me nipadua yea, na medi no nya, na mereka asɛm makyerɛ binom yi, me ara wɔanyi me totwene.


Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.


Na honam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia honam, na nnoɔma mmienu yi nhyia, na ɛsi mo deɛ mopɛ sɛ moyɛ ho kwan.


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ onyamesomni, na wanto ne tɛkyerɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa n’akoma a, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.


Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara.


Na deɛ ɔbɛdi mmara no soɔ na ɔbɛto baako mpo no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.


Na deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna pa no, ma no nyi ne tɛkyerɛma mfiri bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinasoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan