Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 2:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔrebukyia soɔ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔrebukyia soɔ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛe so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔremuka so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔremuka so no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 2:21
21 Iomraidhean Croise  

Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.


monhwɛ mo agya Abraham ne Sara a ɔkyem mo woo mo no, sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no, na mehyiraa no memaa no dɔree.


Na wo nsɛm so na wɔnam bɛbu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bɛbu wo fɔ.


Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham


Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.


Na ɔse: Dabi, agya Abraham, na sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakyera wɔn adwene.


Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;


Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?


Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no,


Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.


Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?


na wayɛ twetiafoɔ agya nso, a ɛnyɛ sɛ wɔfiri twetiatwa mu nko, na mmom sɛ wɔtiatia yɛn agya Abraham gyidie a na ɔwɔ, ɛberɛ a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.


Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi,


Gyidie nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔgyee bɔhyɛ no, de ne ba korɔ no kɔmae.


Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.


Mohunu sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbu onipa bem, na ɛmfiri gyidie nko ara mu.


Na mefaa mo agya Abraham firii asuogya, na memaa no nantee Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefoɔ dɔree, na memaa no Isak.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan