Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.” Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.” Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na ebia obi bɛka se: Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 2:18
20 Iomraidhean Croise  

Na deɛ n’adwene mu yɛ no naa no, sɛ ɔdi a, wadi fɔ; ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Na biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.


Enti na yɛbu no sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidie na ɛbu onipa bem.


Sɛdeɛ Dawid nso ka sɛ, nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu tenenee ma no no dea,


Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.


Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Adɛn na ɔda so nunu onipa? Na hwan na ɔbɛtumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asie?


Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ mpo, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Na afotusɛm no botaeɛ ne ɔdɔ a ɛfiri akoma kronn ne ahonim pa ne gyidie a nkontompo nni mu mu.


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


Gyidie nti na odwamamfoɔ Rahab a ɔgyee akwansrafoɔ no asomdwoeɛ soɔ no ansɛe amfra wɔn a wɔannye annie no mu.


Wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim, dii asɛntenenee, nyinyaa bɔhyɛ, sii agyata ano,


Na sɛ gyidie nni mu a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ deɛ ɔba Nyankopɔn nkyɛn no sɛ, ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoɔ.


Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie, nanso ɔnni nnwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Gyidie bɛtumi agye no anaa?


Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan