Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Efisɛ nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛfiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awadeɛ” no, ɔno ara nso na ɔkaa sɛ, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Efisɛ nea ɔkae se: Nsɛe aware no, ɔkae nso se: Nni awu! Na sɛ wonsɛe aware na wudi awu a, na woayɛ mmara no tofo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 2:11
11 Iomraidhean Croise  

Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahunta ɔman no ani so, na wɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wɔdi so,


Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Sɛ obi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara,


Sɛ otitire bi anhyɛ da na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa mu adeɛ baako, na ɔdi so, na sɛ wɔma no hunu ne bɔne a wayɛ no a,


Ɔsee Yesu sɛ: Deɛ ɛwɔ he? Ɛnna Yesu se: Deɛ ɛse: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu!


Wonim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni.


Wonim mmara nsɛm no: Nsɛe awadeɛ! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di w’agya ne wo na ni!


Na mmara no: Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma w’ani mmmere adeɛ! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abɔ mu ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan