Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 1:8
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Wɔsuroo AWURADE deɛ, nanso wɔsonsom wɔn ara wɔn anyame, sɛ amanaman a wɔtuu wɔn firii hɔ baeɛ no amanneɛ teɛ.


Sɛɛ na amanaman yi suro AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasensene no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de bɛsi nnɛ.


Mekyiri adwene ntantafoɔ, na medɔ wo mmara.


Na AWURADE se: Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti,


Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. AWURADE bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.


Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Na mma saa onipa no nnsusu sɛ ɔbɛnya Awurade hɔ biribiara.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!


wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma,


sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ne nwoma nyinaa a ɔka yeinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ne nteaseɛ yɛ den, na wɔn a wɔnsuaa adeɛ na wɔn ase ntimiiɛ toto no, sɛdeɛ wɔyɛ atwerɛ nsɛm a aka no nso, ma wɔn ara wɔn sɛeɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan