Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn firi ayamyɛ ne adom mu ma obiara deɛ ɛhia no no kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 1:5
31 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.


Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu, na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm.


na mede Nyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhunumu ne nimdeɛ ne adwinnie ahodoɔ nyinaa mu,


Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn akoma mu na wɔayɛ deɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa;


Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Ɛnna ɔfirii aseɛ kaa nkuro a na wayɛ ne tumideɛ pii wom no anim sɛ wɔannsakyera wɔn adwene no sɛ:


Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.


Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu.


Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom?


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan