Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ, a ɛgyegye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ, a ɛgyegye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 1:14
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.


Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔfaa ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔsane kɔɔ ne fie. (Nso ɛberɛ no mu na ɔredwira ne ho afiri ne nsabuo no mu.)


na ɛdaadaa m’akoma kokoam, na m’ano fee me nsa ho de mae a,


Sɛ wɔdaadaa m’akoma ɔbaa bi ho, na metɛɛ me yɔnko pono ano a,


Kora w’akoma sene deɛ wode sie nyinaa, na emu na nkwa adifire fire.


Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?


Meyɛ wo boafoɔ deɛ, nanso wɔrebɛsɛe wo, O Israel!


Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi.


Yeinom ne nnoɔma a ɛgu onipa ho fi; na sɛ wɔde nsa a wɔanhohorɔ didi a, ɛngu onipa ho fi.


Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.


Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kumm me.


Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so.


Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,


Na mmom montutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ “ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara akoma.


Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma no nnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ. Ɛfiri sɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.


na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyini a, ɛwo owuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan