Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn, Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn, Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 1:1
41 Iomraidhean Croise  

Na Elia tasee aboɔ dummienu sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuo no ano sie.


Na wɔbobɔɔ Nyankopɔn fie anobue no ho afɔdeɛ: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa tiri bɔne ho afɔdeɛ, dummienu; sɛdeɛ Israel mmusuakuo ano teɛ no.


Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Na Mose twerɛɛ AWURADE nsɛm no nyinaa. Na ɔtuaa nhema sii afɔrebukyia bepɔ no ase, ne adum dummienu sɛ Israel mmusuakuo dummienu no ano teɛ.


Na aboɔ no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano teɛ, dummienu, sɛ wɔn din no teɛ; ɛnyɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛ mmusuakuo dummienu no teɛ.


Na aboɔ no duru Israel mma no din ano, dummienu, sɛdeɛ wɔn din teɛ; ɛyɛ nsɔanodeɛ kurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛdeɛ mmusuakuo dummienu no teɛ.


Na sɛ mesunsum wɔn kɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn pete nsase so a, wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.


na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo.


Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,


Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


ne Andrea, ne Filipo ne Bartolomeo, ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo, ne Kanani Simon,


na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Mateo ne Toma, Alfeo ba Yakobo ne Simon a wɔfrɛ no Selote,


Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


Ɛnna Yudafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkorɔ a yɛrenhu no? Ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafoɔ mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ?


Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.


Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.


Na wɔn ano siiɛ no, Yakobo buaa sɛ: Anuanom, montie me!


Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.


na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.


Na adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakobo nkyɛn, na mpanimfoɔ no nyinaa baa hɔ bi.


Klaudio Lisia de yei kyea amrado pa Felike.


Ɛno ara na yɛn mmusuakuo dummienu no de awia ne anadwo som, a emu yɛ den, ma wɔn ani da so sɛ wɔbɛnya. Ɔhene, saa anidasoɔ yi nti na Yudafoɔ toto m’ano yi.


Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa


na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.


Ɛnne sɛ, na nnipa bi a wɔfiri Yakobo nkyɛn no nnya mmaeɛ no, na ɔne amanaman mufoɔ didi; na wɔbaeɛ no, ɔtwee ne ho tee ne ho firii wɔn ho, ɛfiri sɛ na ɔsuro wɔn a wɔfiri twetiatwafoɔ mu no.


Na wɔhunuu adom a wɔde ama me no, Yakobo ne Kefa ne Yohane a wɔbu wɔn sɛ adum no tenee ayɔnkoyɛ nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufoɔ mu, na wɔn deɛ, wɔnka no twetiatwafoɔ mu,


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.


Anka mese: Mɛhu wɔn agu, mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:


Bɔ mmɔden bra ansa na awɔ berɛ aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyeakyea wo.


Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,


Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodoɔ: Mpem ɔha aduanan nnan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuo nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan