Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na so wɔ mfaso ma nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yei yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa yɛ, na ɛho wɔ mfasoɔ ma nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 3:8
26 Iomraidhean Croise  

Ɔdasani bi bɛtumi adi mu wɔ Onyankopɔn anim anaa? Hwɛ, onimdefoɔ mpo, ɔdi mu wɔ n’ankasa n’ani so.


ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagyeɛ so.


Adansefoɔ atorofoɔ bɛyera, na onipa a ɔtie asɛm, ɔkasa daa.


Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me bobe turo mu, na akatua a ɛyɛ no na mede bɛma mo.


Na Yesu teaa mu sɛ: Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me na ɔgye me die, na ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no;


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kaa sɛ ɛte saa. Na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ne bɔfoɔ!


Na deɛ ɔnyɛ nnwuma, na ɔgye deɛ ɔbu obusuyɛfoɔ bem die no, wɔbu ne gyidie sɛ tenenee ma no.


Na sɛ yɛwɔ gyidie honhom korɔ no ara nti, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Megye mediiɛ, na mekasaeɛ, yɛn nso yɛgye di na enti yɛkasa nso;


Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpaeɛ wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho teɛ so, a abufuo anaa akyinnyeɛ nni mu.


deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ no, wɔnyɛ setie, wɔnsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara,


Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


(a kane no, ne ho nni mfasoɔ mma woɔ, na afei ɔyɛ ma wo ne me).


na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan