Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na wɔnam n’adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na wɔnam n’adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 sɛnea ɛbɛyɛ a nʼadom nti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 3:7
25 Iomraidhean Croise  

Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!


Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa?


Na sɛ ɛnam adom so a, na ɛmfiri nnwuma mu bio, ɛfiri sɛ ɛno deɛ, anka adom nyɛ adom bio.


na wɔde n’adom nam ɔgyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.


Enti na yɛbu no sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidie na ɛbu onipa bem.


Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi,


Na deɛ ɔyɛ nnwuma no deɛ, wɔmmu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no.


Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Na yɛnim sɛ wɔmfiri mmara nnwuma mu na wɔbu onipa bem, gye sɛ ɛnam Yesu Kristo gyidie mu nti, yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafiri Kristo gyidie mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem.


Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.


Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Nyankopɔn so yɛ ɔdedifoɔ nso bi.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


Na Nyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho.


ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


Gyidie na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ bɔhyɛ asase no so, sɛ ananafoɔ deɛ soɔ, na ɔne bɔhyɛ korɔ no ara adedifoɔ Isak ne Yakob tenaa ntomadan mu.


Ɛno nti na Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔyi n’atirimusɛm a ɛnsakyera kyerɛ bɔhyɛ no adedifoɔ pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne adeɛ a ne ho nyɛ den, na monni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa adom no adedifoɔ bi, na mo mpaebɔ kwan ansi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan