Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 3:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye ahorow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 3:3
37 Iomraidhean Croise  

Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, na ɛbaa sɛ, sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua.


Na ɔde n’atadeɛ no guu ne nkyɛn kɔsii sɛ ne wura baa fie.


Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.


Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte, na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.


Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa, na monnante nhunumu kwan so.


Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?


W’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, deɛ ɛhɔ korɔn ne w’adwa, wose no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?


Na ɔba no buaa sɛ: Merenkɔ! Na akyire yi, ɔsesaa n’adwene, na ɔkɔeɛ.


Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!


Yesu buaa wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.


Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gyeɛ a wɔnnye annie no so ahu mo mmɔbɔ no,


Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ɛbɛwuo no so hene, sɛ mobɛtie no n’akɔnnɔ mu;


Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mofiri akoma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sononko a wɔde mo ahyɛ mu no.


Na afei wɔayi mo afiri bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahoteɛ mu na n’awieeɛ ne daa nkwa.


Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;


Na mesuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ; ebia ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, ahantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;


Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho.


Na mo nso a anka moyɛ atuatefoɔ ne atamfoɔ, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,


ɛno na akane a mote mu no, mo nso monantee wɔ mu.


Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.


Na yeinom mu bi ne wɔn a wɔnam aseɛ hyɛnehyɛne afie mu, na wɔfa mmaa adwenemharefoɔ a bɔne adɔre ahyɛ wɔn soɔ, a akɔnnɔ ahodoɔ keka wɔn no nnommum,


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Na ɛyɛne yɛn, sɛ, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemuteɛ ne tenenee ne onyamesom pa ntena wiase berɛ yi mu,


Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ onyamesomni, na wanto ne tɛkyerɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa n’akoma a, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛ mma, na monnyɛ mo ho sɛdeɛ kane a monnim biribiara no na mo akɔnnɔ teɛ no,


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.


Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan