Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ka nsɛm a ho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 2:8
15 Iomraidhean Croise  

Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwanwa.


Na Atwerɛfoɔ no mu baako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhunuu sɛ wabua wɔn yie no ba bɛbisaa no sɛ: Mmara asɛm a ɛdi ne nyinaa kan ne deɛ ɛwɔ he?


Na ɔtwerɛfoɔ no see no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfoɔ, ampa woaka no yie sɛ Onyankopɔn yɛ baako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara;


Na Yesu hunuu sɛ wabua no nyansam no, ɔsee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahennie ntam kwan nware. Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.


Na ɔkaa saa no, n’atamfoɔ no nyinaa ani wuiɛ, na nkurɔfokuo no nyinaa ani gyee animuonyam adeɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa nti.


Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu a, monhyɛ no nso, mo ne no mmmɔ fekuo, na n’ani nwu;


Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware wo mma di efie soɔ, na wɔamma ɔtamfoɔ ho kwan sɛ ɔnni atɛm;


Sɛ obi kyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛyɛ no ne nkyerɛkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,


Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ si nnipa a wɔnni adwene no nkwaseasɛm ano,


ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan