Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 wɔnnwia nnoɔma nketenkete, na mmom wɔnyi nokorɛ pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, adeɛ nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 wɔnnwia nnoɔma nketenkete, na mmom wɔnyi nokorɛ pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, adeɛ nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa mmere nyinaa na wodi nokware na anam so ama biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 anaa wɔbɔ wɔn korɔno. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, ɛberɛ nyinaa mu, wɔyɛ papa na wɔdi nokorɛ na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de animuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 wɔnnwia nneɛma nketenkete, na mmom wonyi nokware pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, ade nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 2:10
29 Iomraidhean Croise  

M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so, sɛ wɔmmɛtena me ho; deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no, ɔno na ɔmmɛsom me.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu?


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.


na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no;


Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.


Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso.


Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.


Na afei, deɛ wɔhwehwɛ firi efiehwɛfoɔ hɔ ne sɛ obiara bɛhunu sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.


Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu,


Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene;


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no,


Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, wɔmfa anidie mmɔho nni wɔn, ne titire no, wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma.


Nkoa dodoɔ a wɔwɔ kɔnnua aseɛ no mmu wɔn wuranom sɛ anidie nyinaa sɛ wɔn, na Nyankopɔn din ne nkyerɛkyerɛ no ho anhura.


Sɛ obi kyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛyɛ no ne nkyerɛkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,


na ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɔyii n’asɛm adie, asɛnka a wɔnam yɛn Agyenkwa Nyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu,


Na yɛn Agyenkwa Nyankopɔn adɔeɛ ne ne dɔ yii ne ho adie no,


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Obiara a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.


Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene ase, na ɔtie w’asɛm, na wɔdi no ni wɔ wo fie?


Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan