Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 1:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛsɛ sɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de pɛ sika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛsɛ sɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 1:11
22 Iomraidhean Croise  

Teneneefoɔ bɛhunu, na wɔn ani agye, na amumuyɛ nyinaa bɛmua n’ano.


Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho, obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho, na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano.


Ɛno nti mede wɔn yerenom bɛma afoforɔ, na mama ahɔhoɔ afa wɔn mfuo atena so, ɛfiri sɛ ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.


Na mogu me ho fi, me man mu, atokoɔ nsa ma ma ne paanoo afono ma bi nti, sɛ mode atorɔ a modi kyerɛ me man a wɔtie atorɔ no rekum akra a ɛnni kum, na moregye akra a wɔnnsɛ nkwa no nkwa.


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na yei akyiri no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio.


na ɔpaani a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ, na nnwan no nyɛ ne dea no hunu pataku sɛ ɔreba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane; na pataku no bɛkye wɔn bɔ wɔn hwete.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Kristo nokorɛ wɔ me mu yi, obiara remma me mmua m’ano saa ahohoahoa yi ho wɔ Akaia afam hɔnom nyinaa.


Na emu ara nso na wɔyɛ aniha sua afie mu kyinkyini, na ɛnyɛ aniha nko na wɔyɛ, na wɔyɛ anokurokuro ne terɛterɛ nso keka nsɛm a ɛnsɛ.


Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani.


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwene mu asɛeɛ, na nokorɛ abɔ wɔn a wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adepɛdeɛ.


a wɔapae afiri nokorɛ no ho reka sɛ owusɔreɛ atwam, na wɔdane binom gyidie butuo.


Na yeinom mu bi ne wɔn a wɔnam aseɛ hyɛnehyɛne afie mu, na wɔfa mmaa adwenemharefoɔ a bɔne adɔre ahyɛ wɔn soɔ, a akɔnnɔ ahodoɔ keka wɔn no nnommum,


Na deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ: Wɔnni ne ho asɛm bi ka, sɛ Nyankopɔn fiehwɛfoɔ. Ɔnyɛ ɔhopɛfoɔ, abufufafoɔ, ɔsadweam, pupopupo, anaa odufudepɛfoɔ,


ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.


Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan