Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho apopo biribiri sɛ; na Ekron nso wɔahyɛ n’anidasoɔ aniwuo, na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho apopo biribiri sɛ; na Ekron nso wɔahyɛ n’anidasoɔ aniwuo, na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Askelon behu na wasuro Gasa de ɔyaw bebubu ne mu, na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa. Gasa bɛhwere ne hene na wobegyaw Askelon ofituw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Askelon bɛhunu na wasuro Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu, na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa. Gasa bɛhwere ne ɔhene na wɔbɛgya Askelon afituo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Askelon behu na wasuro, na Gasa, ho apopo sɛ, na Ekron nso, anidaso bɛyɛ ɔkwa, na ɔhene bɛyera afi Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 9:5
18 Iomraidhean Croise  

Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no mu na nkɔmhyɛ yi baeɛ:


AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie:


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.


na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod ne ahempomakurani afiri Askelon, na mɛdane me nsa atia Ekron, na Filistifoɔ nkaeɛ ayera, AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Hwɛ, AWURADE bɛma wɔahwere n’ahodeɛ, na wabɔ ne tumi agu ɛpo mu, na ɔno ara deɛ, ogya bɛhye no.


Na amamfrafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan so.


Na Awurade bɔfoɔ kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafoɔ fam kwan a ɛsiane firi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan.


Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.


mewɔ anidasoɔ na mehwɛ kwan dendeenden sɛ, m’anim rengu ase wɔ biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛseɛ nti, sɛdeɛ ɛte daa no, seesei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owuo mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan