Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 9:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Hwɛ, AWURADE bɛma wɔahwere n’ahodeɛ, na wabɔ ne tumi agu ɛpo mu, na ɔno ara deɛ, ogya bɛhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Hwɛ, AWURADE bɛma wɔahwere n’ahodeɛ, na wabɔ ne tumi agu ɛpo mu, na ɔno ara deɛ, ogya bɛhye no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so, na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Hwɛ, Awurade bɛma wɔafa no so na wasɛe ne tumi ɛpo mu, na ɔno ankasa de, ogya bɛhyew no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 9:4
14 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔnefoɔ akoradeɛ nyɛ mfasoɔ biara, na tenenee gye onipa firi owuo mu.


Adedodoɔ nyɛ mma hwee abufuo da, na tenenee gye onipa firi owuo mu.


Watene ne nsa akyerɛ po so, wawoso ahennie ahodoɔ, AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛseɛ.


Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!


W’adwadie dodoɔ nti na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne, na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ, na kerub a ɔbɔ wo ho ban no, pamm wo firi ogya aboɔ no ntam.


W’amumuyɛ dodoɔ so, w’adwadie abusudeɛ mu woagu w’akronkronneɛ ho fi, enti mama ogya afiri wo mu, na ahye wo, na madane wo nso, asase so, wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim.


Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ, na wose: Meyɛ onyame, anyamedwa so na meteɛ, ɛpo mfimfini, nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame, na wobu wo ho sɛ onyame.


Amena mu na wɔde wo bɛsiane akorɔ, na woawu atɔfoɔ wuo, ɛpo mfimfini.


na matontɔn mo mmabanin ne mo mmammaa mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafoɔ, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.


Na mɛto Tiro fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no.


Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho apopo biribiri sɛ; na Ekron nso wɔahyɛ n’anidasoɔ aniwuo, na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan