Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛgye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nnwankuo, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ abotire aboɔ a ɛhyerɛnhyerɛn n’asase no soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛgye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nnwankuo, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ abotire aboɔ a ɛhyerɛnhyerɛn n’asase no soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da no sɛ oguanhwɛfo gye ne nguan. Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so, sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no sɛ odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan. Wɔbɛtwa nyinam nyinam wɔ nʼasase so, sɛ aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na Awurade wɔn Nyankopɔn begye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nguankuw, efisɛ wɔbɛyɛ abotiri abo a ɛhyerɛn n’asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 9:16
25 Iomraidhean Croise  

Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.


Na aboɔ no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano teɛ, dummienu, sɛ wɔn din no teɛ; ɛnyɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛ mmusuakuo dummienu no teɛ.


Na fa apopobibireboɔ mmienu, na kurukyire Israel mma no din wɔ so.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bɛdi nim ama no. Hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ, ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ.


Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion.


Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.


Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.


Na me ara mɛboa me nnwan nkaeɛ ano afiri nsase a mapam wɔn akɔ soɔ no nyinaa so, na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.


Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.


Na AWURADE agye Yakob, na wayi no afiri deɛ ɔyɛ den sene no nsam.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan, na mahwehwɛ wɔn akyiri kwan.


Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.


Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.


Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.


Ɛberɛ no mu na mede mo bɛba, na ɛberɛ no na mɛboa mo ano. Na mɛma mo animuonyam ne din wɔ asase aman nyinaa so, ɛberɛ a mede mo nkurɔfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum bɛsane aba no, mo ara mo de mo ani bɛhunu, AWURADE na ɔseɛ.


Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛfa wo, Sealtiel ba Serubabel, m’akoa, AWURADE na ɔseɛ, na mede wo ayɛ sɛ nsɔanodeɛ; na wo na mafa wo ayɛ me deɛ, asafo AWURADE asɛm nie.


Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.


Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan