Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no anomu da a wɔtoo asafo AWURADE dan no fapem sɛ wɔresi asɔredan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no anomu da a wɔtoo asafo AWURADE dan no fapem sɛ wɔresi asɔredan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nea Asafo Awurade se ni: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifo no kae no; adiyifo a na wɔwɔ hɔ bere a wɔtoo Asafo Awurade fi fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no; adiyifoɔ a na wɔwɔ hɔ ɛberɛ a wɔtoo Asafo Awurade fie fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Sɛ asafo AWURADE se ni: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifo a wɔwɔ hɔ no anim da a wɔhyɛɛ asafo AWURADE dan no ase sɛ wɔresi asɔredan no anom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:9
18 Iomraidhean Croise  

Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma w’akoma nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo, na ɔrennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie AWURADE fie som adwuma no nyinaa.


Na mo deɛ, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngo, na wɔbɛtua mo adwuma so ka.


Na Yudafoɔ mpanimfoɔ sisii, na ɛyɛɛ yie, Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ no nti. Na wɔsisii na wɔwiee, sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Persiahene Kores ne Dario ne Artasasta mmara no teɛ no.


Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mommia nkotodwe a agoɔ mu;


monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa!


Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim.


Afei monhwɛ mfiri ɛnnɛ da yi de rekorɔ, momfiri bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan a ɛne da a wɔhyɛɛ AWURADE asɔrefie no aseɛ no nhwɛ.


Ka kyerɛ Yuda amrado, Serubabel sɛ: Merebɛwoso ɔsoro ne asase,


Na sɛdeɛ modanee nnome amanaman mu no, Yuda fie ne Israel fie, saa ara na mɛgye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.


Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!


Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.


Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan