Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afiri owia apueeɛ ne atɔeɛ asase so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afiri owia apueeɛ ne atɔeɛ asase so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nea Asafo Awurade se ni: “Megye me nkurɔfo afi aman a ɛwɔ apuei ne atɔe no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri aman a ɛwɔ apueeɛ ne atɔeɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afi owia apuei asase ne atɔe asase so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:7
21 Iomraidhean Croise  

Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.


Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie.


AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem, ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.


Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.


Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.


Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba.


Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛboa mo ano afiri aman mu, na matase mo afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so, na mede Israel asase no mama mo,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,


Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan