Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nea Asafo Awurade se ni: “Nkae no de, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa saa bere no, na me nso ɛbɛyɛ me nwonwa ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkaeɛfoɔ yi deɛ, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa saa ɛberɛ no, na me nso ɛbɛyɛ me nwanwa anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkae ani so nwonwa nna yi mu a, so m’ani so nso ɛbɛyɛ nwonwa? Asafo AWURADE asɛm ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:6
13 Iomraidhean Croise  

Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.


Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


AWURADE na ɔmaa yei yɛeɛ, ɛyɛ nwanwa yɛn ani so.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa;


Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; biribi bɛyɛ me den anaa?


Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.


Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni.


ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.


Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɛntumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Nyankopɔn fam deɛ, ɛbɛtumi ayɛ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan