Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nea Awurade se ni, “Mɛsan akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokware Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔw no, wɔbɛfrɛ no Bepɔw Kronkron.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Deɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsane akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokorɛ Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔ no, wɔbɛfrɛ no Bepɔ Kronkron.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ AWURADE se ni: Meresan maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokware kurow, ne asafo AWURADE bepɔw no nso sɛ: Bepɔw kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:3
39 Iomraidhean Croise  

Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


AWURADE yɛ kɛse, na wɔyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kuro mu, ne bepɔ kronkron so.


Na mɛtena Israelfoɔ no mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn,


Sɛdeɛ kuro nokwafoɔ adane odwamamfoɔ yi, na anka atemmuo ayɛ no ma! Na tenenee nso te mu, na afei deɛ, awudifoɔ nko ara!


Na mɛdane w’atemmufoɔ mama wo sɛ kane no, ne w’afotufoɔ sɛ mfitiaseɛ no. Ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo tenenee kuro, nokorɛ kuro no.


Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me bepɔ kronkron no nyinaa so, na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsuo kata po soɔ no.


Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.


na atemmuo bɛtena ɛserɛ so, na tenenee nso atena asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no mu;


Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion.


Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.


Na wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛdeɛ ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumupɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔ kronkron Yerusalem so, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ Israel mma de aduane afɔdeɛ a ɛwɔ adeɛ a emu teɛ mu ba AWURADE fie no.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma, sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnya yɛn hɔ.


Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Menya mede wɔn nnommum mesane ba a, wɔbɛsane aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkuro mu sɛ: AWURADE ahyira wo, tenenee tenabea, O bepɔ kronkron.


Nna no mu na wɔbɛgye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na deɛ wɔde bɛfrɛ no nie: AWURADE yɛn tenenee.


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.


Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔ kronkron no so, na Yerusalem bɛdane kronkronbea, na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio.


Na mɛtɔ wɔn mogya so were a mentɔeɛ no, na AWURADE bɛtena Sion ara.


Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na aman asene yuu aba so.


Israel nkaeɛ no renyɛ akɔntɔnkyedeɛ, na wɔrenka atorosɛm, na wɔrenhunu nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu, na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ, na obiara renyi wɔn hu.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.


Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.


Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.


Yeinom ne adeɛ a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛ mo ho; nokorɛ ne asomdwoeɛ na momfa mmu atɛn mo nkuro apono mu.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.


ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa teɛ nipadua mu,


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane.


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan