Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 na kuro baako mufoɔ akɔ kuro baako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkoto nsrɛ AWURADE, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan! Me nso mɛkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 na kuro baako mufoɔ akɔ kuro baako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkoto nsrɛ AWURADE, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan! Me nso mɛkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 na nnipa a wofi kuropɔn baako so bɛkɔ foforo so akɔka se, ‘Momma yɛnkɔ mprempren ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me de, merekɔ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 na nnipa a wɔfiri kuropɔn baako so bɛkɔ foforɔ so akɔka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ seesei ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me deɛ, merekɔ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 na kurow biako mufo akɔ kurow biako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkotow nsrɛ AWURADE anim, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyi kwan! Me nso mɛkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:21
10 Iomraidhean Croise  

Na wɔn akyiri no, wɔn a wɔde akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifirii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.


AWURADE nnwuma nyinaa, monhyira no, mmeammea a ɔdi tumi nyinaa. Me kra, hyira AWURADE.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim kuro bepɔ so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Na Betelfoɔ somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne nnipa baa sɛ wɔmmɛkoto nsrɛ AWURADE anim,


Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan Yerusalem, na wɔakoto asrɛ AWURADE anim.


Na asuafoɔ baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wɔkɔdii Yesu akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan