Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na sɛdeɛ modanee nnome amanaman mu no, Yuda fie ne Israel fie, saa ara na mɛgye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na sɛdeɛ modanee nnome amanaman mu no, Yuda fie ne Israel fie, saa ara na mɛgye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso megye mo na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyɛ mo ho den.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso mɛgye mo na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyɛ mo ho den.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na sɛnea modan nnome amanaman mu no, Yuda fi ne Israel fi, saa ara na megye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:13
50 Iomraidhean Croise  

Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


deɛ ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne ne ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ nti.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.


na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;


Yerusalem ne Yuda nkuro ne emu ahemfo ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwirideɛ, fɛdie ne nnome sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi:


ɛno deɛ mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na mede kuro yi bɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.


Na mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛti wɔn, na mama wɔadwane wɔn ho asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadane nnome ne ahodwirideɛ ne fɛdie ne ahohoradeɛ, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu,


Wonhunuu deɛ ɔman yi reka sɛ: Mmusua mmienu a AWURADE yiiɛ no, wapo wɔn, no anaa? Na wɔbu me man animtia, sɛ wɔnnyɛ wɔn ani so ɔman bio.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio.


Na mafa Yuda nkaeɛ a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afena ne ɛkɔm nti, wɔbɛwie sa, afiri akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so; afena ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo, na wɔadanedane ntankadeɛ na ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa.


Ɛfiri sɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nneyɛɛ bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio, na mo asase adane amamfo ne ahodwirideɛ ne nnome a obiara ntena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Wɔteaa mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri ha! Mo a mo ho akum! Mommane, mommane, mommfa mo nsa nnka! Wɔdwane kɔkyinkyiniiɛ no, wɔkaa no amanaman mu sɛ: Wɔrenkɔ so ntena ha bio.


Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora!


Na wɔbɛyɛ ahohora ne yea, asotwe ne ahodwire ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛberɛ a mɛbu wo mu atɛn, abufuo ne anibereɛ ne anibereɛ animka mu no, me AWURADE na maka.


Na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo.


Ɛberɛ no mu na mede mo bɛba, na ɛberɛ no na mɛboa mo ano. Na mɛma mo animuonyam ne din wɔ asase aman nyinaa so, ɛberɛ a mede mo nkurɔfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum bɛsane aba no, mo ara mo de mo ani bɛhunu, AWURADE na ɔseɛ.


Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo.


Ɛsiane apam a me ne mo pameeɛ berɛ a mofirii Misraim baeɛ no, ɛna me honhom a ɛte mo mu no nti, monnsuro.


Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.


Na wɔbɛtena mu a abusudeɛ biara nni hɔ bio, na mmom Yerusalem bɛtena dwoodwoo.


saa ara na mansane madwene nna yi mu sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda fie yie; monnsuro!


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no anomu da a wɔtoo asafo AWURADE dan no fapem sɛ wɔresi asɔredan no.


Na makom Yuda sɛ tadua mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afena.


Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidie so anya Honhom bɔhyɛ no.


na wama wo so akyɛne amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyie ne din ne animuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.


Na wobɛdane ahodwirideɛ ne kasabebuo ne ɛfene, aman a AWURADE de wo bɛkɔ soɔ no nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan