Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Aba no benyin yiye, bobe bɛsow nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduan na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosu. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkae yi sɛ wɔn agyapade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Aba no bɛnyini yie, bobe bɛso nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduane na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosuo. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkaeɛfoɔ yi sɛ wɔn agyapadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na nea wodua no asomdwoe mu, obobe, bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na ɔsoro bɛtɔ ne bosu, na mɛma ɔman yi nkae afa eyinom nyinaa adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:12
39 Iomraidhean Croise  

Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.


Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ bi, ne aburoo ne nsa pii.


Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Mmepɔ bɛso asomdwoeɛ ama ɔman, na nkokoɔ nso de tenenee aba.


Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.


Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo.


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Mo aniwuo no ananmu mobɛnya mmɔho, na ahohora ananmu mobɛdi mo kyɛfa ho ahurisie; ɛno nti mobɛnya mmɔho, mo asase so, daa anigyeɛ bɛyɛ mo dea.


Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduane ne nsa ne ngo ne nnwammaa ne anantwie ho, na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.


Na wɔrenyɛ amanaman fomfa adeɛ bio, na asase so mmoa renni wɔn nam bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obiara biara renyi wɔn hu.


Na mɛma nnipa anante mo so, me man Israel so, na wɔafa wo ayɛ wɔn deɛ, na woayɛ wɔn agyapadeɛ, na worenkɔ so mma wɔnni mmasugya bio.


Na mɛma nnua aba, ne mfuo mu nnɔbaeɛ adɔɔso, na moansoa ɛkɔm no nsopa, amanaman mu bio.


Na hwɛ, meredi mama mo, na madane aba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔ mo, na wɔadua mo so aduane.


Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosuo a ɛtua nhema korɔ, sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.


Mɛdane sɛ bosuo mama Israel, ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko, na wagye nhini sɛ Lebanon.


Na AWURADE bua see ne man sɛ: Hwɛ, merebrɛ mo aduane, nsamono ne ngo, na moamee, na meremfa mo memma ahohora amanaman mu bio.


Ewiram mmoa, monnsuro, na ɛserɛ so wira mono refefɛ, na nnua reso n’aba, borɔdɔma ne bobe reyi n’ahoɔden ama.


Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a,


Israel nkaeɛ no renyɛ akɔntɔnkyedeɛ, na wɔrenka atorosɛm, na wɔrenhunu nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu, na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ, na obiara renyi wɔn hu.


Saa nti, mo nti na ɔsoro akame, sɛ ɔbosuo nntɔ, na asase akame ne nnɔbaeɛ.


Afei monhwɛ mfiri ɛnnɛ da yi de rekorɔ, momfiri bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan a ɛne da a wɔhyɛɛ AWURADE asɔrefie no aseɛ no nhwɛ.


Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.


Na mɛsi odidifoɔ no kwan mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuo mu bobe aba ammɔ mo, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.


Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nnoɔma nyinaa wɔ mo,


Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo.


Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira n’asase; ɔmma no ɔsoro nnepa, obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ,


Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no nkutoo, ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosuo.


Na wɔgu tenenee aba asomdwoeɛ mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoeɛ adeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan