Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bere no nnya nsoe no, na wontua apaade mma nnipa anaa mmoa. Atamfo nti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoe mu, efisɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛberɛ no nnya nsoeɛ no, na wɔntua apaadie ho ka mma nnipa anaa mmoa. Atamfoɔ enti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na nna no nnya mmae no, na nea onipa nya nni hɔ, na nea aboa nya nni hɔ, na nea ofi adi ne nea ɔba mu no, ahohia nti asomdwoe nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa mema onipa ne ne yɔnko dii asi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 8:10
11 Iomraidhean Croise  

Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim, na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.


Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.


Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu a ɔman mmɔ binim? Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ?


na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn, na mede m’ani bɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa.


Na afei monhwɛ deɛ ɛfiri nnɛ rekorɔ yi ɛbɛba. Wɔnnya mfaa ɔboɔ ntoo ɔboɔ soɔ AWURADE asɔrefie mu,


Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan