Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na sɛdeɛ me frɛeɛ na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “ ‘Mefrɛe no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “ ‘Mefrɛeɛ no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na sɛnea mefrɛe na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 7:13
23 Iomraidhean Croise  

Deɛ ɔsi n’aso firi mmɔborɔfoɔ su ho no, ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.


Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ, mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ? Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ, anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we, mema nsubɔntene danedane anwea pradada so nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ, na sukɔm kuku wɔn.


wɔasane kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wɔtie me nsɛm no amumuyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn. Israel fie ne Yuda fie ato m’apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ no.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.


Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie.


Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.


Yuda di abooboo na n’aponkɛseɛ agogo, wɔboa fam si wɔn tiri ase twann, na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.


Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.


Wode mununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu amma wo hɔ.


Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn akomam, na wɔde wɔn amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Memma wommisa me hɔ biribi mma wɔn?


Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me hɔ adebisa na mobaeɛ yi? Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan