Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔfufuo na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ nworonnworan ahoɔdenfoɔ na ɛwɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔfufuo na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ nworonnworan ahoɔdenfoɔ na ɛwɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nea ɛto so abiɛsa no, na apɔnkɔ fitaa na wɔtwe. Nea ɛto so anan no, na apɔnkɔ ntokontrama na wɔtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na teaseɛnam a ɛto so abiɛsa no, apɔnkɔfufu na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so anan no, apɔnkɔ nworannworan ahoɔdenfo na ɛwɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 6:3
9 Iomraidhean Croise  

Na berɛ a mmoa no refoforo wɔn ho na wɔanyinsɛn no, memaa m’ani so na mehunui wɔ daeɛ mu, na hwɛ, mpapo a na wɔforo mmirekyie no, wɔn ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan.


N’asrɛ yɛ dadeɛ, ne nan mu bi yɛ dadeɛ, na emu bi yɛ dɔteɛ.


Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim.


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo, na Asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa afena ne ɛkɔm ne owuo ne asase so mmoa nkunkum wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan