Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 6:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na fa yɛ abotire fa bɔ Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na fa yɛ abotire fa bɔ Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛw, hyɛ ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 na fa yɛ abotiri, bɔ Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 6:11
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ.


Na wɔhunuu asɔfoɔ mma mu wɔn a wɔawareware mmaa ananafoɔ: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia.


Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no.


Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika amapa abotire bɔ ne ti.


na fa abotitene no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no fam abotitene no anim,


Na wɔboroo sika amapa tratraa de yɛɛ abɔanimu kronkron no, na wɔtwerɛɛ so atwerɛ sɛ nsɔanodeɛ so nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE.


O Sion mmammaa, momfiri adi mmɛhwɛ Ɔhene Salomo, abotire a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne n’akoma anigyeɛ da no.


na ɔde abotitene no bɔɔ ne ti, na ɔde sikaterɛ no, kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no, fam abotitene no anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie,


Na afei, hyɛ wo ho den Serubabel, AWURADE asɛm nie, na hyɛ wo ho den, Yehosadak, ba Yosua, ɔsɔfo panin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, AWURADE asɛm nie, na monyɛ adwuma no. Na medi mo akyi, asafo AWURADE asɛm nie.


Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.


Na mese. Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ no. Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntadeɛ. Na AWURADE bɔfoɔ no gyina hɔ.


Na abotire no nyɛ nkaeɛ adeɛ mma Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba Hen, AWURADE asɔredan no mu.


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan