Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Asafo Awurade pae mu ka se, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfo ne obiara a ɔde me din ka ntamhunu no fi. Ɛbɛka ofie hɔ na asɛe ne nnua ne abo.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Asafo Awurade pae mu ka sɛ, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfoɔ ne obiara a ɔde me din ka ntanhunu no fie. Ɛbɛka efie hɔ na asɛe ne nnua ne aboɔ.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 5:4
19 Iomraidhean Croise  

Deɛ ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntomadan mu, wɔbɛbɔ sɔfe apete ne tenabea.


Wɔde sum nyinaa asie n’akoradeɛ, ogya a obi mfite mu bɛhye no, ɛbɛhye deɛ aka ne ntomadan mu.


Ɔtwere ne dan, na ɛrennyina, ɔkura mu, nso ɛrentena hɔ.


W’atamfo bɛfira aniwuo, na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.


AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefoɔ fie, na ɔhyira ateneneefoɔ tenabea.


Enti na nnome amene asase, na ɛsotefoɔ di fɔ; enti na asase sofoɔ ahyeɛ, na aka so adasamma ketewaa bie.


Sɛdeɛ wɔkyere owifoɔ a n’ani wuo no, saa na Israel fie ani bɛwuo, wɔn, wɔn ahemfo, wɔn asafohene ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.


Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.


Na mo mu biara nnnwene ne yɔnko ho bɔne n’akoma mu, na mommpɛ atorɔ ntanka, na yeinom nyinaa ne deɛ ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm nie.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Nnome bɛka wo, kuro mu, na nnome aka wo, wiram.


Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.


Yei na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuo amma yɛn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan