Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?” Mibuae se, “Mihu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na akanea ason a biara wɔ ne dorobɛn sisi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na nkanea nson a ebiara wɔ ne dorobɛn sisi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mise: Mihu, ɔkaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ngo toa taa atifi, na n’akanea ason wowɔ so na adorobɛn ason ason wɔ hɔ ma atifi akanea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 4:2
19 Iomraidhean Croise  

ne sika nkaneadua ne ɛho sika nkanea no nkariiɛ, sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ nkaneadua sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkarii teɛ, sɛdeɛ nkaneadua no nyinaa ho som teɛ no;


Na wɔhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE daa anɔpa ne anwummerɛ ne ɔhyeɛ aduhwam no. Na wɔsiesie kyerɛ paanoo wɔ ɔpono kronkron no so, na sika kaneadua ne ne kanea no, wɔsɔ no daa anwummerɛ. Na yɛn deɛ, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no, na mo deɛ, moagya no.


Na ɔyɛɛ sika nkaneadua du sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, na ɔde sisii asɔredan no mu, enum wɔ anafoɔ fam, na enum nso wɔ atifi fam.


ansa na dwetɛ homa no ate, na sika toa no apae, na ahina no abɔ asuo ho, na asubura ho nkyimiiɛ abubu,


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no deɛ, ɛyɛ sɛ, na deɛ ɛnyɛ no, ɛnyɛ koraa, na yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nni.


na nyaawa ne nsramma kukuwa, ne nkoraa ne nsenaa ne kanea nnua ne nyowaa ne nkuruwa no, deɛ ɛyɛ sika no sika ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa bɛsi me man Israel mfimfini, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo, ne tentene basafa du, na ne trɛ basafa nnum.


Na medanee m’ani sɛ merekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medanee me ho no, mehunuu sika nkaneadua nson,


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan