Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 3:8
24 Iomraidhean Croise  

Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ, na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.


Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.


Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi,


Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a mɛnya wo mu animuonyam.


Na afei AWURADE se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,


Hwɛ, m’akoa bɛdi yie, wɔbɛpagya, na wɔama no so na wakorɔn sɛ.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so.


Nna no mu ne berɛ no mu na mɛma tenenee ban afefɛ ama Dawid, na wabu atɛntenenee, ayɛ ade tenenee asase so.


Ka sɛ: Mene mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa na wɔbɛyɛ wɔn, otukorɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkorɔ.


Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.


Na Hesekiel ayɛ mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ no berɛ a ɛbɛba mu no, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Na mɛsiesie afuo a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɛkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio.


Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene, na odwanhwɛfoɔ koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanante m’atemmudeɛ mu, na wɔahwɛ m’ahyɛdeɛ ayɛ,


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.


ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyeeɛ a ɛfiri soro abɛpue yɛn soɔ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan