Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfoɔ aba bobe ase ne borɔdɔma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfoɔ aba bobe ase ne borɔdɔma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “‘Saa da no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngodua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “ ‘Saa ɛda no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngo dua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfo aba obobe ne borɔdɔma ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 3:10
9 Iomraidhean Croise  

Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.


Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


na me man bɛtena asomdwoeɛ fie, ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.


Monntie Hesekia! Na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bɛdi ɔno ara ne bobe, ne ɔno ara ne borɔdɔma na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔbɛtɔ adan ne mfuo ne nturo asase yi so bio.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obiara biara renyi wɔn hu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan