Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Mommra, Sion! Munguan, mo a mote Ɔbabea Babilonia!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Huu, Sion, bɔ wo ho aguaa, wo a wo ne Babel babea te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 2:7
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Dwane gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina kanko yi mu baabiara; bepɔ so na dwane korɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.


Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.


Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu. Monka, momma wɔnte yei, momma no mfiri nkɔduru asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ, monnka adeɛ a ɛho nteɛ; momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no.


Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu! O Yerusalem a wɔafa wo dommum; Sion babaa a wɔafa wo dommum, sanesane wo kɔn mu nkyehoma!


Monnwane mfiri Babel, na momfiri Kaldeafoɔ asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwan anim.


Me man, momfiri adi mfiri ne mu, na monnyegye mo kra mfiri AWURADE abufuo mu gya no ano.


Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.


Sion babaa, ko awoɔ, kyem sɛ ɔwofoɔ, na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu akɔtena wiram, na woakɔtena Babel tɔnn. Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afiri w’atamfo nsam.


Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.


Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso!


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!


Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: Me man, momfiri ne mu, na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan