Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 14:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa da no, ɔde nʼanammɔn besisi Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no so, na Ngo Bepɔw no mu bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam na ayɛ obon kɛse. Ɛbɛma bepɔw no fa akɔ atifi fam, na fa nso akɔ anafo fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 14:4
16 Iomraidhean Croise  

Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu.


Na AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii kuro no mu, na ɛkɔgyinaa bepɔ a ɛda kuro no anim no so.


na ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa bɛwoso m’anim. Wiram mmoa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, na mmepɔ bɛdwiri agu, na abotan korɔnkorɔn ahwehwe ase, na afasuo nyinaa ahwehwe ase.


Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann.


Ɔgyina hɔ na ɔwoso asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔ dwiri, tete nkokoɔ brɛ ase, n’akwan te sɛ tete deɛ no.


Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.


Na ɛbɛyɛ da koro a adesaeɛ nni mu (AWURADE na ɔnim), awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummerɛ mpo na hann wɔ hɔ.


Na ɛda no nkwa nsuo bɛtue afiri Yerusalem, emu fa bɛkɔ apueeɛ fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔeɛ fam po no mu, ahuhuberɛ ne awɔberɛ mu na ɛbɛba.


Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.


Na nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔbɛse bepɔ yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe ɛpo mu, na ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akoma mu, na ɔbɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan