Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 14:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE akyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE akyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade da bi reba a, wɔbɛkyɛ mo asade wɔ mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade ɛda bi reba a, wɔbɛkyɛ mo afodeɛ wɔ mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE, ama w’asade a wogyee wɔ wo nsa mu no wɔbɛkyɛ mu wɔ wo mfinimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 14:1
12 Iomraidhean Croise  

Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.


Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so, sɛ ɔrebɛdane asase afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.


Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;


Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion, na mommɔ ose me bepɔ kronkron no so. Ma asase sofoɔ nyinaa ho mpopo, ɛfiri sɛ AWURADE da no redu, na abɛn,


Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmuo bonhwa no mu; ɛfiri sɛ AWURADE da no abɛn, atemmuo bonhwa no mu.


Monyɛ komm AWURADE Nyankopɔn anim, na AWURADE da no abɛn, na AWURADE asiesie okum afɔdeɛ, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no.


Na Yuda nso bɛko atia Yerusalem, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa adeɛ dodoɔ ano, sika ne dwetɛ ne ntoma bebree pa.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Owia bɛdane sum, na ɔsrane adane mogya ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba.


Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔfiri kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛseɛ no mu ko no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan