Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 13:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ, na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na megye wɔn so. Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’ na wɔbɛka se, ‘Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ, na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na mɛgye wɔn so. Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’ na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 13:9
54 Iomraidhean Croise  

Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man kɔsi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn.


Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.


Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ.


Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.


Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.


Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu.


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ; masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu.


Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua, wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie. Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu, nsateaa tene ne ahuhukasa,


Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mmorɔdɔma pa yi teɛ no, saa ara na mɛbu tukɔfoɔ a memaa wɔfirii ha yi kɔɔ Kaldeafoɔ asase soɔ no mayɛ wɔn yie;


Na mobɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn.


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie.


na wɔanante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔadi m’atemmudeɛ so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


deɛ ɛbɛyɛ na Israel fie amfom kwan amfiri m’akyiri bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa angu wɔn ho fi bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.


Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,


Na mmadwemma no bi bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de ate wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no bɛba ara.


Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa rente aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.


Na mɛnante mo mu, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman:


Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforɔ, te sɛ ade foforɔ bi na ɛreyɛ mo;


Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so.


Na nsoromma no din de Ɔnwono, na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa pii wuwui, nsuo no nwono a ayɛ no nti.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔtoo adeɛ bi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ogya rehyeɛ no twenee po mu, na ɛpo nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya,


na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan