Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 13:2
40 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.


Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no, wɔma wɔn yea dɔɔso. Merenhwie wɔn mogya nhwiesa no bi, na meremfa m’ano memmɔ wɔn din.


Sɛ teteɛ na aboa bi tetee no a, ɔmfa mmra mmɛdi adanseɛ. Na ɔnnsi deɛ wɔatete no no ananmu.


Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu.


Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa.


Ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene ama nkusie ne mpan,


ɛsiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafefa wɔn mfɛfoɔ yerenom, na wɔaka me din mu atorosɛm a menhyɛɛ wɔn, na me na menim, na mene danseni, AWURADE asɛm nie.


Na adehunu hunu biara ne atorɔ nkɔmhyɛ biara rentena Israel fie bio.


morenhunu anisoadeɛ huhuo bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na mɛyi me man afiri mo nsa mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnneɛ me, AWURADE, na madaadaa odiyifoɔ ko no, na mɛtene me nsa wɔ ne so asɛe no afiri me man Israel mu,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛsɛe ahoni huhuo no na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis, na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Na mɛgye mo afiri mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduane ama no adɔɔso, na meremma ɛkɔm biara mma mo so.


na wɔremfa wɔn abosonhuhuo ne wɔn atantanneɛ ne wɔn mmaratodeɛ nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na mate wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,


Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no.


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm, me so na wɔbɛhunu w’aba.


Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.


Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so,


Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!


AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi.


Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.


Na sɛ mede Nyankopɔn nsateaa metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie aba mo so.


na monnwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na momfa ogya nhye wɔn abosompɔ, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfiri hɔ.


Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu.


na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,


Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan