Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 13:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 13:1
34 Iomraidhean Croise  

Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.


da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.


AWURADE, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu; wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so, ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.


Na bɔne mmienu na me man ayɛ: Wɔagya me a meyɛ nkwa asutire no, sɛ wɔrekɔbɔre mmura a apaepae a ɛntumi nkura nsuo.


AWURADE ahyɛ wo sɔfoɔ asi Ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ ɔhwɛfoɔ, sɛ hwɛ AWURADE fie nti, obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɛdan mu nti,


na mɛte wɔn ho afiri wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumuyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no nyinaa makyɛ wɔn.


Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Na mɛgye mo afiri mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduane ama no adɔɔso, na meremma ɛkɔm biara mma mo so.


Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam.


Nanso nsuo aniwa anaa abura a nsuo wɔ mu deɛ, ɛho te ara; na biribiara a ɛka wɔn funu no, ɛho nte.


na mɛtwitwa wo ntafowayie afiri wo nsam, na woannya akɔmfoɔ bio;


mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ.


Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.


Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsuo nko mu, na mmom ɛyɛ nsuo ne mogya mu. Na honhom no na ɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan