Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 12:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na AWURADE bɛgye Yuda ntomadan kane, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam amma wɔn ho so antia Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na AWURADE bɛgye Yuda ntomadan kane, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam amma wɔn ho so antia Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Awurade bɛbɔ Yuda atenae ho ban kan, sɛnea Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem anuonyam renkyɛn Yudafo anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Awurade bɛbɔ Yuda atenaeɛ ho ban kane, sɛdeɛ Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem animuonyam renkyɛne Yudafoɔ animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Awurade begye Yuda ntamadan kan, na Dawid fi anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam amma wɔn ho so anhyɛ Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 12:7
20 Iomraidhean Croise  

Sɛ ampa sɛ moma mo ho so tia me, na moyi me m’ahohora ho atɛn a,


Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no, ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!


Na mese: Mma wɔn ani nnnye wɔ me ho, na sɛ me nan watiri a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so.


Na ɛnyɛ ɔtamfoɔ na ɔbɔ me ahohora, ɛno deɛ, anka mɛtie. Ɛnyɛ deɛ ɔkyiri me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me soɔ, anka mede me ho bɛhunta no.


Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ, na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.


Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no.


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɛdɔn no ara mu ne ho sanee no honhom mu, na ɔkaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.


Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so.


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan