Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 12:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Saa da no, mɛyɛ Yuda mmusua sɛ ogya asanka a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw wɔ nwura a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhyew nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ faako a ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Saa ɛda no, mɛyɛ Yuda ntuanofoɔ sɛ ogya ayowaa a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ wɔ wira a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhye nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ baabi a ɔwɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛda no, mede Yuda abusua no mɛyɛ sɛ nnyina mu ogya asanka ne afiafi mu gyatɛn, na ahyew aman a atwa ho ahyia nyinaa, anafo ne atifi so, na Yerusalem bɛtena n’asase, Yerusalem hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 12:6
25 Iomraidhean Croise  

Na wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum, na w’asefoɔ afa amanaman no, na woama wɔatenatena nkurofo so.


Na wɔhwim di, nifa so, nanso ɛkɔm de wɔn ara, na wɔdidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara wɔn nsa ho nam.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ, na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie.


Na Yakob fie bɛyɛ ogya, na Yosef fie ayɛ ogyaframa, na Esau fie deɛ ɛbɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na wɔadɛre wɔn mu ahye wɔn a obiara renka mma Esau fie, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


Sɔre, pore, Sion babaa, na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ, na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ, na wode adwerɛ aman pii dukuduku, na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE, ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.


Lebanon, hinihini w’apono, na ogya nhye wo ntweneduro no!


Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.


Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.


na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;


Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso.


nokorɛ asɛnka mu, Nyankopɔn tumi mu, tenenee akodeɛ mu wɔ nifa ne benkum;


Na wɔforo kɔgyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wɔtwaa ahotefoɔ no ne kuro a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na egya firi soro guu fam bɛhyee wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan