Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 12:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yuda mmusua bɛka wɔ wɔn koma mu se, ‘Yerusalemfo yɛ ahoɔdenfo, efisɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Nyankopɔn.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Yuda ntuanofoɔ bɛka wɔ wɔn akoma mu sɛ, ‘Yerusalemfoɔ yɛ ahoɔdenfoɔ, ɛfiri sɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Onyankopɔn.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yuda abusua bɛka wɔn koma mu sɛ: Yerusalemfo wɔ ahoɔden, asafo Awurade wɔn Nyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 12:5
28 Iomraidhean Croise  

Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsateaa akodie.


Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ, na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ.


Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie, wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase,


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man!


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


Na mɛdane w’atemmufoɔ mama wo sɛ kane no, ne w’afotufoɔ sɛ mfitiaseɛ no. Ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo tenenee kuro, nokorɛ kuro no.


Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,


ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no.


AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no, na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.


Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.


Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba, na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba, na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo, na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ.


Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu, na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu, na mɛma no atwe apini, na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm nie.


ɛno ansa na anka mɛpo Yakob asefoɔ ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefoɔ mu nnipa a wɔbɛsi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ soɔ. Na mede wɔn nnommum bɛsane aba, na mahu wɔn mmɔbɔ.


Na AWURADE firi Sion bobom na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowoso; nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


Na mɛhyɛ wɔn den, AWURADE mu, na ne din mu na wɔbɛnanteɛ, AWURADE asɛm nie.


Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.


Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.


Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.


Na Yuda nso bɛko atia Yerusalem, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa adeɛ dodoɔ ano, sika ne dwetɛ ne ntoma bebree pa.


M’akoma da Israel atitire a wɔfiri ɔman no mu yii wɔn yam baeɛ no so. Monhyira AWURADE!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan