Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa da no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefo nso abɔ dam,” sɛnea Awurade se ni. “Mebue mʼani ahwɛ Yudafi, na mefurafura aman ahorow no apɔnkɔ ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛda no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefoɔ nso abɔ dam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mɛbue mʼani ahwɛ Yuda fie, na mɛfirafira aman ahodoɔ no apɔnkɔ ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛda no, Awurade asɛm ni, mede ahodwiriw mɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefo; na mebue m’aniwa Yuda fi so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifurae mɛbobɔ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 12:4
24 Iomraidhean Croise  

sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi.


Ɛnna ɔsomaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm kɛseɛ kɔɔ hɔ, na wɔduruu anadwo, na wɔbɛtwaa kuro no ho hyiae.


Ɛnna Siriafoɔ siane baa ne so, na Elisa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Mesrɛ wo, fa anifira bɔ dɔm yi; na ɔde anifira bɔɔ wɔn, sɛdeɛ Elisa asɛm no teɛ no.


sɛ w’ani bɛbue akyerɛ ɛdan yi awia ne anadwo, deɛ woka sɛ wɔmfa wo din nsi hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ wɔ ha yi.


Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ.


Afei m’ani bɛbue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ.


ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.


Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.


Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! na tie Sanaherib nsɛm a wasoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nyinaa.


na mede m’ani bɛhwɛ wɔn papa, na mede wɔn masane aba asase yi so; na mede wɔn bɛsisi hɔ, na merendwiri wɔn, na mɛdua wɔn, na merentutu wɔn.


Na mɛgyegye wo, na mede nnarewa mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa hyehyɛ ntadeɛ akɛseɛ ne nkumaa na wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ no aba;


na apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ, nnɔmmarima ne akofoɔ nyinaa bɛmee mo, me pono so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’ani na hwɛ yɛn amamfo ne kuro a wɔabɔ wo din wɔ soɔ no, na ɛnyɛ yɛn tenenee so na yɛde yɛn nkotosrɛ reba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebree ntira,


Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu, na wɔbɛdi ako; ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ, na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase.


Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu,


Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.


Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.


Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.


Na apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, yoma, mfunumu ne mmoa a wɔwɔ nsraban no mu no nyinaa haw bɛyɛ sɛ ɔhaw no ara.


Na mɛkyere me fie ho nsraban, ɛdɔm ho, deɛ ɔtwam korɔ na ɔsane ba ho, na ɔhafoɔ biara antwam amfa wɔn mu bio; na afei me ara ankasa mɛhwɛ me man so.


Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene,


AWURADE de adammɔ ne anifira ne akoma mu ahodwirie bɛbɔ wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan