Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 12:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛtow ahyɛ Yuda ne Yerusalem so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛto ahyɛ Yuda ne Yerusalem so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Hwɛ, mede Yerusalem mɛyɛ ntintantɔ kuruwa mama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 12:2
15 Iomraidhean Croise  

Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani firi ahuro, mfrasa ayɛ mu ma, na ɔhwie bi; ampa ara, aseɛ puo mpo, asase so abɔnefoɔ nyinaa bɛfefe anom.


Nyane ɛ, nyane ɛ! Sɔre ɛ, O Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuo kuruwa no; ntintantɔ kuruwa no na woanom ahwe mu.


Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: Gye abufuhyeɛ nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,


Ɛnna megyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee,


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, nom ara na wɔnom, na wo deɛ, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom nom ara na wobɛnom.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo, na wɔadeda daa nna a wɔrennyane, ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie.


Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa borɔ; amanaman anom ne nsa no bi, enti na amanaman abobɔ dam.


Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Ahohora amee wo asene animuonyam; wo nso nom, na wo momonoto nna adi; AWURADE nifa mu kuruwa bɛdane aba wo so, na ɛfeɛ ne ahohora bɛgu w’animuonyam so.


Na Yuda nso bɛko atia Yerusalem, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa adeɛ dodoɔ ano, sika ne dwetɛ ne ntoma bebree pa.


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu.


ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.


Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan